Mark 14

Wɔpam Yesu tiri so

1Aka nnanu na Twam ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no.

2Nanso, wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasa bɛba ɔman no mu.”

Wɔsra Yesu ngo wɔ Betania

3Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okita ngo huamhuamhuam bi a ne bo yɛ den toa ma baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.

4Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se, wasɛe ngo no kwa.

5Wɔkae bio nso se, “Anka obetumi atɔn ngo huamhuamhuam yi anya sika pii ma ɔde ama ahiafo.”

6Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho? 7Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.

8“Wayɛ nea obetumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobesie me. 9Mereka makyerɛ mo se, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde nea ɔbea yi yɛe no bɛkae no, akamfo no.”

Yuda pene so sɛ obeyi Yesu ama

10Afei, Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho.

11Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Yesu ne nʼasuafo adidi

12Twam Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam guan no, nʼasuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam no. 13Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni nʼakyi. 14Baabiara a obewura no, monka nkyerɛ ofiwura no se, ‘Yɛn wura asoma yɛn sɛ, yɛmmɛhwɛ ɔdan a woasiesie ama yɛn a yebedi Twan no wɔ mu no.’ 15Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn.”

16Asuafo baanu no siim kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ.

17Eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. 18Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se, “Merema mo ate ase sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako beyi me ama.” 19Wɔn nyinaa werɛ howee, na wofitii ase bisae mmaako mmaako se, “Ɛyɛ me anaa?”

20Obuaa wɔn se, “Ɛyɛ mo dumien a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako. 21Ɛsɛ sɛ miwu sɛnea adiyifo no hyɛɛ me ho nkɔm no, nanso onipa a obeyi me ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”

Awurade adidi asehyɛ

22Bere a wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se, “Munnye nni; eyi ne me nipadua.”

23Afei ɔfaa kuruwa a nsa dɔkɔdɔkɔ wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. 24Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den a bebree nti wɔrehwie agu. 25Mereka akyerɛ mo se, merennom saa nsa dɔkɔdɔkɔ yi bio da akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.” 26Wɔtoo dwom bi wiei no, wofii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

Yesu hyɛ Petro pa a ɔbɛpa no no ho nkɔm

27Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyinaa beguan agya me. Efisɛ, Onyankopɔn nam adiyifo no so kae se, ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguan no abɔ apete.’ 28Na sɛ wɔma me so na mesan ba nkwa mu bio a, medi mo anim akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.”

29Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da!”

30Yesu ka kyerɛɛ no se, “Petro, ansa na anadwo yi akokɔ bɛbɔn mpɛn abien no, na woapa me mpɛn abiɛsa.”

31Petro de anibere kae se, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kae.

Yesu bɔ mpae wɔ Getsemane

32Yesu ne nʼasuafo no duu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Montena ha, na merekɔbɔ mpae aba.”

33Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fitii ase yeraw no, na ɔyɛɛ basaa. 34Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”

35Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kobutuw fam bɔɔ mpae se, sɛ ebetumi a, saa ahoyeraw no ntwa ne ho nkɔ.

36Ɔkae se, “Aba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”

37Ɔsan bae no, obehuu asuafo baasa no sɛ wɔadeda. Obisaa Petro se, “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo? 38Monwɛn na mommɔ mpae na ɔsɔhwɛfo no anni mo so. Honhom no pɛ de, na honam no na ɛyɛ mmerɛw.”

39Ɔsan kɔe bio kɔbɔɔ mpae koro no ara. 40Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behui sɛ wɔadeda, efisɛ, na wɔabrɛbrɛ. Na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no.

41Ɔsan bae ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se, “Mugu so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. 42Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, nea ɔreyi me ama no wɔ ha!”

Wɔkyere Yesu

43Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafo no mu baako ne dɔm a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin asoma wɔn ka ne ho a, wokitakita nkrante ne mmaa baa hɔ.

44Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mɛbam no, ayɛ no atuu no, ɔno ne nea mohwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.” 45Ɛno nti, woduu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kae se, “Me Wura.” Afei ɔyɛɛ no atuu. 46Ɛhɔ ara, na dɔm a wɔne Yuda nam no soo Yesu mu kyeree no. 47Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne nkrante de twaa ɔsɔfo panyin no akoa bi aso ma ɛtewee.

48Yesu bisaa wɔn se, “Meyɛ owudifo nti na mode nkrante ne mmaa aba me so rebɛkyere me anaa? 49Adɛn na bere a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankyere me? Nanso, eyinom nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛe wɔ me ho no bɛba mu.”

50Asuafo no nyinaa guan gyaa no.

51Aberante bi a ɔde ntama sin bi asi nʼasen dii nʼakyi. 52Dɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛe sɛ wɔkyere no, nanso ogyaw ne ntama no maa wɔn, de ne ho saa ara guanee.

Yesu gyina ɔsɔfo panyin anim

53Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfo Panyin no anim no, ankyɛ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi behyiaa hɔ. 54Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ ɔsɔfo panyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.

55Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛe sɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi. 56Nnipa pii bedii adansekurum tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkae no bɔɔ abira.

57Afei, nnipa no bi kekaa nsɛm a ennim too no so se, 58“Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59Na eyi mpo, wɔn adanse no anhyia.

60Ɔsɔfo panyin no sɔre gyinaa bagua no mfinimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?”

61Yesu ammua no. Afei ɔsɔfo panyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no anaa?”

62Yesu buaa no se, “Mene no, na mubehu me sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resan aba asase so.”

63Eyi maa ɔsɔfo panyin no sunsuanee nʼatade mu kae se, “Adansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no. Dɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa gye too mu se, ɔsɛ owu.

65Na ebinom tew ntasu guu no so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no se, “Wuse woyɛ odiyifo, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfo a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotɔre.

Petro pa Yesu

66Bere a na Petro te adiwo hɔ no, ɔsɔfo panyin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no se, “Wo nso wo ne Nasaretni Yesu no na ɛnam!”

68Petro sanee se, “Minnim nea woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ofii adi kɔtenaa nkyɛn baabi. Saa bere no ara na akokɔ bɔnee.

69Abeawa no san huu no, na ofitii ase ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no se, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako!”

70Petro sanee bio. Ɛkyɛɛ kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fitii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ, woyɛ Galileani!”

71Petro fitii ase kekaa ntam dii nsew se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”

72Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn mpɛn abien na woapa me mpɛn abiɛsa” no. Na ofitii ase sui.

Copyright information for TwiNAK